Romans 1

1Me nnamfonom a mowɔ Roma, saa nhoma yi fi me Yesu Kristo somfo Paulo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn Asɛmpa no nkyɛn.

2Saa Asɛmpa yi ka no, Onyankopɔn adiyifo hyɛɛ ho nkɔm wɔ apam dedaw no mu.

3Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too ɔhene Dawid abusua mu no ho. 4Wɔnam Onyame a wɔnam no so nyanee no no so da ne nyameyɛ adi sɛ Onyankopɔn Ba.

5Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo sɛnea ɛbɛma nnipa a wɔwɔ aman nyinaa so begye adi na wɔadi so.

6Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso, moka ho bi. 7Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.

Aseda mpae

8Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ, mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa. 9Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam Asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae no daa.

10Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren. 11Efisɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12Nea mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a mo de gyina me gyidi a mewɔ no so na me nso me de gyina mo gyidi a mowɔ no so no.

13Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ Amanamanmufo mu no. 14Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi. 15Ɛno nti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn Asɛmpa no makyerɛ mo.

16Ɛyɛ Onyankopɔn tumi sɛ ogye wɔn a wogye no di no nkwa; wɔn a wodi kan no ne Yudafo ɛne Amanamanmufo no nso. 17Saa Asɛmpa yi kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn asiesie yɛn ama ɔsorokɔ. Asiesie yɛn pɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛde yɛn gyidi hyɛ Kristo mu sɛ ɔno ne yɛn nkwagyefo no. Esiane gyidi nti, efi mfitiase kosi awiei no, biribiara awie pɛyɛ. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Sɛ obi benya nkwa a, na egyina to a ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so” no.

18Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi soro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no. 19Onyankopɔn ho nokwasɛm no da adi wɔ wɔn mu; Onyankopɔn de ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu. 20Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara.

21Wonim Onyankopɔn nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo. 23Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.

24Ɛno nti, Onyankopɔn ama wɔn ho kwan sɛ, wɔnyɛ afide a efi wɔn koma mu na afei, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛ aniwude nso. 25Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorosɛm na wɔsom abɔde twaa Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no gyawee. Amen.

26Esiane saa nti, Onyankopɔn ma wɔyɛɛ aniwude ma mpo na mmea fa wɔn yɔnkonom mmea. 27Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.

28Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, ɔma wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. 29Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku, 30kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm. 31Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo. 32Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owu. Nanso ɛnyɛ sɛ wɔn ara yɛɛ saa afide no nko, na mmom, wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.

Copyright information for TwiNAK